11 Me deɛ, ɛsiane mo adwensakra+ nti mede nsuo+ na ɛbɔ mo asuo; deɛ ɔdi m’akyi reba+ no wɔ tumi sene me, na memfata sɛ mɛworɔ ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron+ ne gya bɛbɔ mo asuo.+
25 Na berɛ a Yohane dwumadie reba awieeɛ no, ɔkaa sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Menyɛ ɔno. Nanso, hwɛ! obi di m’akyi reba a memfata sɛ mesane ne nan ase mpaboa mpo.’+