Exodus 29:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wowie a, hwie ɔsra ngo+ gu n’apampam fa sra no+ sɛ ɔsɔfoɔ. Leviticus 8:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Afei ɔhwiee ɔsra ngo no bi guu Aaron apampam, na ɔsraa no tee ne ho.+ Asomafoɔ Nnwuma 10:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ɔfiri Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na ɔkyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn soɔ nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+ Hebrifoɔ 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”
38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ɔfiri Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na ɔkyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn soɔ nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+
9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”