Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Leviticus 15:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne barima mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:4; Nu 5:2; 2Sa 3:29

Leviticus 15:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:25; 17:15

Leviticus 15:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:16

Leviticus 15:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:4; Nu 5:2; 2Sa 3:29
  • +Le 11:24; 17:15

Leviticus 15:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 31:34

Leviticus 15:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:2

Leviticus 15:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 6:28; 11:33
  • +Ex 7:19; Le 11:32

Leviticus 15:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 14:8, 23
  • +Le 15:5

Leviticus 15:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:14; 14:22; Nu 6:10

Leviticus 15:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 5:7; 14:19, 31

Leviticus 15:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:4; De 23:10

Leviticus 15:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:25

Leviticus 15:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:15; 1Sa 21:5

Leviticus 15:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 20:18
  • +Le 12:2, 5; 15:26; Hes 22:10; 36:17

Leviticus 15:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:4

Leviticus 15:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:5

Leviticus 15:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:6

Leviticus 15:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:10

Leviticus 15:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:19; 20:18

Leviticus 15:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 9:20; Mr 5:25; Lu 8:43
  • +Le 12:2; 15:19

Leviticus 15:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:21

Leviticus 15:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:10, 22

Leviticus 15:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:13

Leviticus 15:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:14; 15:14
  • +Nu 6:10

Leviticus 15:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 5:7; 14:31; 15:15
  • +Le 4:31; 12:7; 1Yo 2:2

Leviticus 15:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:30; Nu 5:3; 19:20

Leviticus 15:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:2
  • +Le 15:16

Leviticus 15:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 15:19
  • +Le 15:25

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Lev. 15:2Le 22:4; Nu 5:2; 2Sa 3:29
Lev. 15:5Le 11:25; 17:15
Lev. 15:6Yes 1:16
Lev. 15:7Le 22:4; Nu 5:2; 2Sa 3:29
Lev. 15:7Le 11:24; 17:15
Lev. 15:9Ge 31:34
Lev. 15:11Le 15:2
Lev. 15:12Le 6:28; 11:33
Lev. 15:12Ex 7:19; Le 11:32
Lev. 15:13Le 14:8, 23
Lev. 15:13Le 15:5
Lev. 15:14Le 1:14; 14:22; Nu 6:10
Lev. 15:15Le 5:7; 14:19, 31
Lev. 15:16Le 22:4; De 23:10
Lev. 15:17Le 11:25
Lev. 15:18Ex 19:15; 1Sa 21:5
Lev. 15:19Le 20:18
Lev. 15:19Le 12:2, 5; 15:26; Hes 22:10; 36:17
Lev. 15:20Le 15:4
Lev. 15:21Le 15:5
Lev. 15:22Le 15:6
Lev. 15:23Le 15:10
Lev. 15:24Le 18:19; 20:18
Lev. 15:25Mt 9:20; Mr 5:25; Lu 8:43
Lev. 15:25Le 12:2; 15:19
Lev. 15:26Le 15:21
Lev. 15:27Le 15:10, 22
Lev. 15:28Le 15:13
Lev. 15:29Le 1:14; 15:14
Lev. 15:29Nu 6:10
Lev. 15:30Le 5:7; 14:31; 15:15
Lev. 15:30Le 4:31; 12:7; 1Yo 2:2
Lev. 15:31Le 19:30; Nu 5:3; 19:20
Lev. 15:32Le 15:2
Lev. 15:32Le 15:16
Lev. 15:33Le 15:19
Lev. 15:33Le 15:25
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Leviticus 15:1-33

Leviticus

15 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ nsuo firi+ ɔbarima ho* sene a, n’ahosene no yɛ biribi a ɛho nteɛ. 3 N’ahosene yi nti, ne ho nte: Sɛ nsuo firi ne barima mu sene oo, sɛ deɛ afiri ne ho aba no ama ne barima ano kwan asi oo, ne ho nte ara.

4 “‘Sɛ nsuo firi obi ho sene a, biribiara a ɔbɛda soɔ anaa ɔbɛtena soɔ no ho nte. 5 Sɛ onipa foforɔ ho kɔka onii no mpa a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔde nsuo dwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 6 Na sɛ deɛ ne ho nsuo sene no tena biribi so na onipa foforɔ nso kɔtena so a, ɛsɛ sɛ ɔfoforɔ no si+ ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 7 Obiara nso a ne ho bɛka deɛ ne ho nsuo sene+ no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 8 Na sɛ deɛ ne ho nsuo sene no te ntasuo gu deɛ ne ho teɛ so a, ɛsɛ sɛ ɔfoforɔ no si ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 9 Sɛ deɛ ne ho nsuo sene no tena aboa bi so a, atɛ+ a ɔtenaa soɔ no nso ho nte. 10 Biribiara a ɔbɛtena soɔ no, sɛ obi sɔ mu a, ne ho rente kɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔbɛsoa saa adeɛ no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 11 Sɛ deɛ ne ho nsuo sene+ no mfaa nsuo nhohoroo ne nsa na ɔsɔ obi mu a, ɛsɛ sɛ ɔfoforɔ no si ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 12 Kukuo biara a deɛ ne ho nsuo sene no bɛsɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no.+ Na sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔde dua+ asene a, wɔmfa nsuo nhohoro ho nyinaa.

13 “‘Sɛ deɛ ne ho nsuo sene no ahosene no twa a, ɔnkan nnanson mfa nte ne ho.+ Na ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa mmasuo nnware+ na ne ho ate. 14 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no ɔnhwehwɛ mmuruburo+ mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfoɔ no. 15 Ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ na ɔsɔfoɔ no mfa n’ahosene no ho mpata mmra Yehowa anim.

16 “‘Na sɛ ɔbarima bi ho ba+ a, ɔmfa nsuo nnware ne honam nyinaa, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 17 Atadeɛ anaa aboa nwoma biara a ne ho nsuo bɛka mu no, ɛsɛ sɛ ɔsie, nanso ɛho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+

18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbaa da ma ne ho ba a, wɔmfa nsuo nnware, nanso wɔn ho bɛgu fĩ+ akɔsi anwummerɛ.

19 “‘Sɛ biribi sene firi ɔbaa ase na ɛyɛ ne bra mogya+ a, ɛsɛ sɛ ɔtena fie nnanson, ɛfiri sɛ ne ho nte,+ na obiara a ne ho bɛka no no nso ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 20 Ne brayɛ mu no, biribiara a ɔbɛda soɔ anaa ɔbɛtena soɔ no ho nte.+ 21 Na obiara a ɔbɛsɔ ne mpa mu no nsi ne ntadeɛ na ɔnnware, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 22 Sɛ ɔbaa no tena biribi so na obi sɔ mu a, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔnnware, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 23 Sɛ mpa so na na ɔteɛ oo, sɛ biribi foforɔ so na na ɔteɛ oo, obiara a ne ho bɛka+ adeɛ no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 24 Na sɛ ɔbarima ne no da ma ne brayɛ fĩ no ka no+ a, ɔbarima no ho bɛgu fĩ nnanson, na biribiara a ɔbɛda soɔ no nso ho bɛgu fĩ.

25 “‘Na sɛ mogya tu ɔbaa nna pii+ berɛ a ne bra nnuruiɛ+ anaasɛ mogya no kyɛ sene berɛ a ɔde yɛ bra a, nna a mogya bɛtu no nyinaa bɛyɛ sɛ deɛ wayɛ bra no ara. Ne ho nte. 26 Biribiara a ɔbɛda soɔ berɛ a mogya tu no no bɛyɛ sɛ berɛ a wayɛ bra no ara;+ na biribiara a ɔbɛtena soɔ ho bɛgu fĩ te sɛ berɛ a wayɛ bra no ara. 27 Na obiara a ne ho bɛka+ nneɛma a ɛte saa no nso ho bɛgu fĩ, na ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdwareɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.

28 “‘Nanso sɛ mogya no twa a, ɔnkan nnanson, na ɛno akyi no, ne ho bɛte.+ 29 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no ɔnhwehwɛ mmuruburo+ mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 30 Ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔmfa baako nso mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ na ɔsɔfoɔ no mfa mogya a ɛtuu no no ho mpata+ mmra Yehowa anim.

31 “‘Momma Israelfoɔ ntwe wɔn ho mfiri wɔn fĩ ho na wɔamfa fĩ anka me ntomadan a ɛwɔ wɔn mfimfini no na wɔanwuwu wɔn fĩ mu.+

32 “‘Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho nsuo sene+ anaa ɔbarima a n’ahobaeɛ+ ama ne ho agu fĩ. 33 Mmara yi ara na ɛwɔ hɔ ma ɔbaa a wayɛ bra+ ma enti ne ho nteɛ, ne ɔbarima anaa ɔbaa biara a biribi firi ne ho sene,+ ne ɔbarima a ɔne ɔbaa a ne ho nteɛ ada.’”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane