Leviticus 4:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Na ɔnyi ne sradeɛ no nyinaa+ sɛdeɛ ɔyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ no sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+ Na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, na wɔde bɛfiri no.+ Leviticus 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔsɔfoɔ no de bɛba Yehowa anim na wɔde apata ama no, na ne ho ate ne mogya mu.+ Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbaa a ɔbɛwo ɔbarima anaa ɔbaa no. 1 Yohane 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɔno ne yɛn bɔne+ ho mpata+ afɔdeɛ,+ na ɛnyɛ yɛn deɛ nko,+ na mmom wiase nyinaa nso deɛ bi.+
31 Na ɔnyi ne sradeɛ no nyinaa+ sɛdeɛ ɔyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ no sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+ Na ɔsɔfoɔ no mfa mpata mma no, na wɔde bɛfiri no.+
7 Ɔsɔfoɔ no de bɛba Yehowa anim na wɔde apata ama no, na ne ho ate ne mogya mu.+ Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbaa a ɔbɛwo ɔbarima anaa ɔbaa no.