Leviticus
12 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbaa nyinsɛn+ na ɔwo ɔbabarima a, ne ho rente nnanson, te sɛ berɛ a wayɛ bra a ne ho nteɛ no ara.+ 3 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no wɔntwa abɔfra no twetia.+ 4 Ma no ntena fie nna aduasa mmiɛnsa bio mfa nte ne ho mfiri ne mogya mu. Ɛnsɛ sɛ ɔde ne nsa ka adeɛ biara a ɛyɛ kronkron, na ɔmmma baabi a ɛhɔ yɛ kronkron kɔsi sɛ nna a ɔde bɛte ne ho no bɛso.+
5 “‘Sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho rente nna dunan te sɛ berɛ a wayɛ bra a ne ho nteɛ no ara. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie nna aduosia nsia bio de te ne ho firi ne mogya mu. 6 Sɛ ɔwo ɔbabarima anaa ɔbabaa na n’ahoteɛ nna no sa a, ɔde odwennini kumaa a wadi afe bɛbrɛ ɔsɔfoɔ no ama no de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ama no, na ɔde aborɔnoma ba anaa aburuburo+ nso bɛba ama no de abɔ bɔne ho afɔdeɛ; ɔde yeinom nyinaa bɛbrɛ no ahyiaeɛ ntomadan no ano. 7 Ɔsɔfoɔ no de bɛba Yehowa anim na wɔde apata ama no, na ne ho ate ne mogya mu.+ Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbaa a ɔbɛwo ɔbarima anaa ɔbaa no. 8 Na sɛ ne nsa ansõ odwan so a, ɛnneɛ ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmra, na wɔmfa baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔmfa baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mfa mpata+ mma no na ne ho ate.’”