Leviticus
13 Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Sɛ biribi bɛsi obi honam ani na ɛhyɛ nsuo anaa ne honam twintwam+ anaa ɛsoa na ɛdidi ne honam mu ma no bɛyɛ sɛ kwata+ a, ɛsɛ sɛ wɔde no ba ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma asɔfoɔ no baako anim.+ 3 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ yareɛ a ayɛ ne honam ani no.+ Sɛ nwi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ asoa no ayɛ fitaa na ɛte sɛ deɛ adeɛ a ahono no no adidi kɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɛyɛ kwata. Ɔsɔfoɔ no nhwɛ na ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. 4 Nanso sɛ baabi a asoa no yɛ fitaa na ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi nyɛɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi+ nnanson. 5 Da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no na sɛ ɔhunu sɛ ɛhɔ nhonoo bio a, ɛkyerɛ sɛ yareɛ no ntrɛɛ ne wedeɛ mu, enti ɔsɔfoɔ no nsan mfa no nsie+ nnanson.
6 “Da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no ne mprenu so, na sɛ ɛhɔ ahye na ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te. Ɛyɛ ntwintwameeɛ bi kɛkɛ. Ɔnsi n’atadeɛ na ne ho nte. 7 Na sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho te na akyire yi ntwintwameeɛ no trɛ ne honam ani a, ɔnsan mmra ɔsɔfoɔ no anim+ ne mprenu so. 8 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ atrɛ honam no ani a, ɛnneɛ ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata.+
9 “Sɛ kwata yɛ obi a, wɔmfa no mmra ɔsɔfoɔ anim. 10 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ,+ na sɛ ɔhunu sɛ nsoa fitaa bi asi ne honam ani na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa na ɛpae yɛ kuro+ a, 11 ɛyɛ kwatanini+ na ayɛ ne honam ani; ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛnsɛ sɛ ɔde no kɔsie,+ ɛfiri sɛ ne ho nte. 12 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ kwata no apue afiri wedeɛ no mu na akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa, firi ne tirim kɔsi ne nan ase, 13 na ɔsɔfoɔ no hunu sɛ akata ne honam nyinaa a, ɛsɛ sɛ ɔbu ɔyarefoɔ no sɛ ne ho te. Ne nyinaa adane fitaa, enti ne ho te. 14 Nanso da a ɛbɛtu kuro no, ne ho nte. 15 Ɔsɔfoɔ no+ nhwɛ kuro no, na ɔnkyerɛ sɛ ne ho nte. Ekuro no ho nte. Ɛyɛ kwata.+ 16 Na sɛ kuro no wu ma hɔ yɛ fitaa a, ɔnsan nkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ. 17 Ɔsɔfoɔ no nhwɛ no,+ na sɛ baabi a ɛyɛɛ kuro no adane fitaa a, ɛnneɛ na ne ho te, enti ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ ne ho te.
18 “Na sɛ pɔmpɔ+ bɔ obi honam mu na ɛwu 19 na sɛ biribi fitaa bi ba pɔmpɔ no ananmu anaa ɛhɔ soa yɛ fitaa na animu dodo kakra a, ɔmfa ne ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no. 20 Sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ+ na ɛte sɛ deɛ adeɛ a ahono no no adidi kɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata na apue afiri pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhunu nwi fitaa biara wɔ hɔ na deɛ ahono no no nso nnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi+ nnanson. 22 Na sɛ ɛfiri aseɛ trɛ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yare bɔne. 23 Nanso sɛ ɛhɔ te sɛ deɛ ɛteɛ na antrɛ a, ɛnneɛ ɛyɛ pɔmpɔ no ara na ahono.+ Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+
24 “Sɛ egya hye obi na kuro no anwu anwie na ɛhɔ hono ma animu dodo anaa ɛho nyinaa yɛ fitaa a, 25 ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛhɔ nwi adane fitaa na ɛte sɛ deɛ adeɛ a ahono no no adidi kɔ ne honam mu a, ɛyɛ kwata na apue afiri kuro no mu. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte, ɛfiri sɛ kwata ayɛ no. 26 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na wanhunu nwi fitaa biara wɔ hɔ na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu na ahye a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi nnanson. 27 Da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ no. Sɛ ɔhunu sɛ yareɛ no atrɛ ne honam ani a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ kwata. 28 Nanso sɛ ɛhɔ te sɛ deɛ ɛteɛ na ɛntrɛeɛ anaa ɛnsoaa bio a, ɛkyerɛ sɛ ekuro no na ahono kɛkɛ. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ ekuro no na ahono.
29 “Sɛ biribi bɛtɔ ɔbarima anaa ɔbaa bi tiri ho anaa n’abɔdwe a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ+ no hwɛ. Sɛ ɛte sɛ deɛ adidi kɔ ne honam mu na ɛhɔ nwi adodo na bebree atutu a, ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte. Ɛyɛ yareɛ na ama nwi no atutuo.+ Ɛyɛ etire anaa abɔdweɛ kwata. 31 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ baabi a ɛhɔ nwi atutuo no na ɔhunu sɛ yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu na nwi tuntum biara nni hɔ a, ɛnneɛ nwi no a atutuo nti, ɔsɔfoɔ no mfa ɔno nko ara nkɔsie baabi+ nnanson.+ 32 Da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ yareɛ no, na sɛ ɛhɔ nwi no ntutu nkɔɔ akyiri, na nwi nnodoeɛ+ mmaa hɔ, na yareɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu a, 33 ɛnneɛ ɔnyi ne tiri nwi anaa n’abɔdwesɛ nanso ɔnnyi baabi a yareɛ ama ɛhɔ nwi atutuo no.+ Na ɔsɔfoɔ no mfa deɛ yareɛ no ayɛ no no nkɔsie baabi nnanson bio.
34 “Afei da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nsan nhwɛ baabi a yareɛ no ama ɛhɔ nwi atutuo no. Sɛ yareɛ a ama ne nwi atutuo no ntrɛeɛ na ɛnnidi nkɔɔ ne honam mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+ Ɔnsi n’atadeɛ na ne ho nte. 35 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no ka sɛ ne ho te na akyire yi yareɛ a ɛmaa ne nwi tutuiɛ no trɛtrɛ kɔ baabi foforɔ a, 36 ɔsɔfoɔ+ no nsan nhwɛ no. Na sɛ ɔhunu sɛ yareɛ no atrɛ honam no ani a, ɛho nhia sɛ ɔhwɛ sɛ nwi a adodoɔ wɔ hɔ; deɛ ɛkyerɛ ara ne sɛ ne ho nte. 37 Na sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ nwi no ntutu bio na nwi tuntum afu wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ yareɛ no ase ahye. Ne ho te, enti ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho te.+
38 “Na sɛ adeɛ mfitaamfitaa bi bɛtotɔ+ ɔbarima anaa ɔbaa bi ho a, 39 ɔsɔfoɔ+ no nhwɛ. Sɛ ɔhunu sɛ adeɛ mfitaamfitaa a atotɔ ne ho no ani dum kakra a, ɛkyerɛ sɛ deɛ atotɔ ne honam ani no nyɛ hu. Ne ho te.
40 “Sɛ ɔbarima bi tiri ho pa+ a, ɛyɛ atipa. Ne ho te. 41 Sɛ ne tiri ho apa firi ne moma so kɔ n’apampam a, ɛyɛ apampam atipa. Ne ho te. 42 Nanso sɛ biribi fitaa a adodoɔ bɛtɔ apampam atipa no mu anaa ne moma so a, ɛyɛ kwata na apue n’apampam anaa ne moma soɔ. 43 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ+ no hwɛ no, na sɛ ɔhunu sɛ biribi fitaa a adodoɔ na abɛtɔ n’apampam anaa ne moma soɔ te sɛ kwata a ɛwɔ ne honam mu a, 44 ɔyɛ kwatani. Ne ho nte. Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no kyerɛ sɛ ne ho nte. Ne yareɛ no wɔ ne tiri so. 45 Ɛsɛ sɛ kwatani a yareɛ no wɔ ne ho no sunsuane n’atadeɛ mu+ na ɔgya ne tiri nwi basaa.+ Afei ma no nkata ne mfemfem so+ na ɔnteam sɛ, ‘Me ho nte, me ho nte!’+ 46 Nna a yareɛ no wɔ ne ho nyinaa, ne ho rente. Ne ho nte, enti ɔno nko ara bɛkɔ akɔtena baabi wɔ nsraban no akyi.+
47 “Sɛ kwata no yɛ atadeɛ mu, deɛ wɔde aboa nwi ayɛ anaa deɛ wɔde nwera ayɛ, 48 anaa asaawa*+ a wɔde nwene nwera anaa kuntu anaa aboa nwoma anaa biribi a wɔde nwoma ayɛ+ mu, 49 na biribi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ anaa deɛ ani dum yɛ atadeɛ no anaa nwoma anaa asaawa anaa nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata, na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛ ɔsɔfoɔ no. 50 Na ɔsɔfoɔ+ no nhwɛ na ɔmfa adeɛ a yareɛ wom no nsie+ nnanson. 51 Sɛ da a ɛtɔ so nson no ɔhunu sɛ yareɛ no atrɛ wɔ atadeɛ no anaa asaawa anaa nwentoma+ anaa nwoma anaa biribi a wɔde nwoma ayɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛyɛ hu.+ Ɛho nte. 52 Ɛsɛ sɛ ɔhye atadeɛ+ anaa asaawa anaa nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ a yareɛ wom no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛyɛ hu.+ Ɛsɛ sɛ wɔde gya hyeɛ.
53 “Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ yareɛ no ntrɛɛ atadeɛ anaa asaawa anaa nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ+ no mu a, 54 ɔsɔfoɔ no mma wɔnsi adeɛ a yareɛ wom no na ɔmfa nsie nnanson bio. 55 Wɔsi wie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na deɛ ɛwɔ mu no ntrɛeɛ nanso ɛnsakraeɛ a, ɛho nte. Ɛsɛ sɛ wohye no egya mu. Ɛyɛ yareɛ no na awewe emu anaa akyire.
56 “Na sɛ wɔsi wie na akyire yi ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ ano abrɛ ase a, ɔnte mfiri atadeɛ anaa nwoma anaa asaawa anaa nwentoma no mu. 57 Nanso sɛ ɔsan hu no atadeɛ anaa asaawa anaa nwentoma+ anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, ɛkyerɛ sɛ kwata no wom. Biribiara a wɔbɛhunu yareɛ no wom no, fa gya hye.+ 58 Na sɛ wɔsi atadeɛ anaa asaawa anaa nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no wie na wɔhunu sɛ yareɛ no afiri mu a, wɔnsan nsi bio na ama ɛho ate.
59 “Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a kwata ayɛ atadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ anaa deɛ wɔde nwera ayɛ,+ anaa asaawa anaa nwentoma anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ mu no. Yei na wɔde bɛkyerɛ sɛ ɛho te anaa ɛho nte.”