Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Leviticus 11:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:4; Hes 4:14

Leviticus 11:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:6

Leviticus 11:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:7

Leviticus 11:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 104:18; Mme 30:26

Leviticus 11:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:7

Leviticus 11:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:8; Yes 65:4; 66:3, 17

Leviticus 11:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:24
  • +Aso 10:14

Leviticus 11:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:9
  • +Mt 4:18; Lu 24:42

Leviticus 11:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:3, 10

Leviticus 11:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:12
  • +Hio 39:30; Mt 24:28

Leviticus 11:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:13

Leviticus 11:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:14

Leviticus 11:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:15

Leviticus 11:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:16

Leviticus 11:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:17

Leviticus 11:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:18

Leviticus 11:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:19

Leviticus 11:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 10:12; Mme 30:27; Yes 33:4; Mt 3:4; Mr 1:6
  • +2Be 7:13

Leviticus 11:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:3

Leviticus 11:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 17:15

Leviticus 11:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:10; Le 14:8; 15:5; Nu 19:10

Leviticus 11:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:8

Leviticus 11:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 5:2
  • +Le 17:16

Leviticus 11:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 9:10
  • +Yes 66:17

Leviticus 11:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 22:5; De 14:19
  • +Le 11:24

Leviticus 11:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 7:19
  • +Ge 21:14
  • +Ge 37:34

Leviticus 11:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 6:28; Mr 14:13
  • +Le 15:12; Yes 30:14

Leviticus 11:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:24; Nu 19:11, 16

Leviticus 11:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 17:15; 22:8; De 14:21; Hes 4:14; 44:31; Aso 10:13

Leviticus 11:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 11:21

Leviticus 11:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:14; Mik 7:17
  • +De 14:3

Leviticus 11:43

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 20:25

Leviticus 11:44

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:2; De 5:6
  • +Ex 19:6; Le 19:2; De 14:2; 1Te 4:7; 1Pe 1:15
  • +1Pe 1:16; Adi 4:8

Leviticus 11:45

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 46:4; Ex 6:7; 29:46; Dw 81:10; Ho 11:1
  • +Ex 22:31; Le 20:7, 26; Nu 15:40; De 7:6
  • +Yos 24:19; 1Sa 2:2; 6:20

Leviticus 11:46

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 1:21

Leviticus 11:47

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 10:10; 20:25; Hes 22:26; 44:23

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Lev. 11:2De 14:4; Hes 4:14
Lev. 11:3De 14:6
Lev. 11:4De 14:7
Lev. 11:5Dw 104:18; Mme 30:26
Lev. 11:6De 14:7
Lev. 11:7De 14:8; Yes 65:4; 66:3, 17
Lev. 11:8Le 11:24
Lev. 11:8Aso 10:14
Lev. 11:9De 14:9
Lev. 11:9Mt 4:18; Lu 24:42
Lev. 11:11De 14:3, 10
Lev. 11:13De 14:12
Lev. 11:13Hio 39:30; Mt 24:28
Lev. 11:14De 14:13
Lev. 11:15De 14:14
Lev. 11:16De 14:15
Lev. 11:17De 14:16
Lev. 11:18De 14:17
Lev. 11:19De 14:18
Lev. 11:20De 14:19
Lev. 11:22Ex 10:12; Mme 30:27; Yes 33:4; Mt 3:4; Mr 1:6
Lev. 11:222Be 7:13
Lev. 11:23De 14:3
Lev. 11:24Le 17:15
Lev. 11:25Ex 19:10; Le 14:8; 15:5; Nu 19:10
Lev. 11:26De 14:8
Lev. 11:28Le 5:2
Lev. 11:28Le 17:16
Lev. 11:29Heb 9:10
Lev. 11:29Yes 66:17
Lev. 11:31Le 22:5; De 14:19
Lev. 11:31Le 11:24
Lev. 11:32Ex 7:19
Lev. 11:32Ge 21:14
Lev. 11:32Ge 37:34
Lev. 11:33Le 6:28; Mr 14:13
Lev. 11:33Le 15:12; Yes 30:14
Lev. 11:39Le 11:24; Nu 19:11, 16
Lev. 11:40Le 17:15; 22:8; De 14:21; Hes 4:14; 44:31; Aso 10:13
Lev. 11:41Le 11:21
Lev. 11:42Ge 3:14; Mik 7:17
Lev. 11:42De 14:3
Lev. 11:43Le 20:25
Lev. 11:44Ex 20:2; De 5:6
Lev. 11:44Ex 19:6; Le 19:2; De 14:2; 1Te 4:7; 1Pe 1:15
Lev. 11:441Pe 1:16; Adi 4:8
Lev. 11:45Ge 46:4; Ex 6:7; 29:46; Dw 81:10; Ho 11:1
Lev. 11:45Ex 22:31; Le 20:7, 26; Nu 15:40; De 7:6
Lev. 11:45Yos 24:19; 1Sa 2:2; 6:20
Lev. 11:46Ge 1:21
Lev. 11:47Le 10:10; 20:25; Hes 22:26; 44:23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Leviticus 11:1-47

Leviticus

11 Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Asase so mmoa nyinaa, deɛ mobɛtumi awe nie:+ 3 Mobɛtumi awe aboa biara a ne nan mu apae na ɔpu wesa.+

4 “‘Mmoa a wɔpu wesa anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ moweɛ nie: Monnwe yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaeeɛ. Ne ho nte mma mo.+ 5 Afei nso monnwe atwaboa,+ ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaeeɛ. Ne ho nte mma mo. 6 Monnwe adanko+ nso, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne nan mu mpaeeɛ. Ne ho nte mma mo. 7 Bio nso monnwe prako,+ ɛfiri sɛ ne nan mu apae asi deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ne ho nte mma mo. 8 Monnwe wɔn nam, na monnsɔ wɔn afunu mu.+ Wɔn ho nte mma mo.+

9 “‘Nsuo mu mmoa a mobɛtumi aweɛ nie:+ Asubɔnten anaa po mu aboa biara a ntɛtɛ ne abena wɔ ne ho+ deɛ, mobɛtumi awe. 10 Nanso po anaa nsuo biara mu mmoa manyamanya anaa nsuo mu akra ateasefoɔ a wɔnni ntɛtɛ ne abena deɛ, ɛyɛ mo akyiwadeɛ. 11 Ɛyɛ mo akyiwadeɛ koraa. Monnwe bi,+ na wɔn funu nso, monkyiri koraa. 12 Biribiara a ɛwɔ nsuo mu a ɛnni ntɛtɛ ne abena yɛ mo akyiwadeɛ.

13 “‘Ntuboa a ɛsɛ sɛ mokyire nie.+ Monnwe wɔn nam. Wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ,+ ɔkɔrebia, pɛtɛ tuntum, 14 ne ɔkom ne asansa,+ ne wɔn a wɔn su te saa, 15 ne kwaakwaadabi+ ahodoɔ nyinaa, 16 ne sohori,+ patuo, asomfena, ne akorɔma, ne wɔn a wɔn su te saa, 17 ne patubiaa, po so anene, patuo asotenten,+ 18 ne suborɔkokɔ, pokupoku, ne pɛtɛ,+ 19 ne asukɔnkɔn ne asunoma ahodoɔ a wɔn su te sɛ yeinom, ne asɔkwaa ne apan.+ 20 Ntuboa manyamanya a wɔtumi nante wɔn nan nnan soɔ yɛ mo akyiwadeɛ.+

21 “‘Ntuboa manyamanya a wɔtumi nante wɔn nan nnan soɔ yi na monweɛ, wɔn a wɔwɔ nan a wɔde hurihuri fam. 22 Wɔn mu deɛ mobɛtumi aweɛ nie: Ntutummɛ ahodoɔ nyinaa,+ ne aketekyire ne mmɛbɛ+ ahodoɔ. 23 Ntuboa manyamanya foforɔ a wɔwɔ nan nnan yɛ mo akyiwadeɛ.+ 24 Yeinom bɛgu mo ho fĩ. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 25 Na obiara a ɔbɛsoa wɔn funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi+ n’atadeɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.

26 “‘Sɛ aboa bi nan mu apae nanso ɛmpae nsiiɛ, na ɔmpu nwesa a, ɛyɛ mo akyiwadeɛ. Obiara a ɔbɛsɔ ne mu no ho bɛgu fĩ.+ 27 Mmoa a wɔnante wɔn nan nnan soɔ no ho nte mma mo. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 28 Obiara a ɔbɛsoa wɔn funu+ no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’atadeɛ,+ nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ, ɛfiri sɛ wɔn ho nte mma mo.

29 “‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nteɛ nie:+ Ahweaa, aperenkensema,+ ne koterɛ, ne wɔn a wɔn su te saa, 30 ne efiewura, mampam, bɔmɔte, anwea-koterɛ ne abosomakoterɛ. 31 Saa mmoa a wɔwea fam+ yi ho nte mma mo. Obiara a ɔbɛsɔ wɔn funu mu no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+

32 “‘Biribiara a wɔn mu biara bɛwu atɔ soɔ no ho nte, adeɛ a wɔde dua+ asene oo, atadeɛ oo, nwoma+ oo, atweaatam+ oo, ɛho nte. Biribiara a wɔde yɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ nsuo mu, nanso ɛho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate. 33 Na kukuo+ biara a wɔn mu bi bɛwu atɔ mu no, biribiara a ɛwɔ mu no ho nte, na ɛsɛ sɛ mobɔ no.+ 34 Sɛ nsuo firi mu gu aduane biara so a, ɛho nte, na biribiara a obi bɛnom no mu nso ho nte. 35 Biribiara a wɔn funu bɛtɔ soɔ no ho nte. Fononoo oo, deɛ ahina si soɔ oo, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no. Ɛho agu fĩ, na ɛho nte mma mo. 36 Nsutire ne abura a nsuo wom deɛ, ɛho bɛkɔ so ate, nanso deɛ ɔbɛsɔ wɔn funu mu no ho bɛgu fĩ. 37 Sɛ wɔn funu tɔ aba bi a wɔrebɛdua so a, ɛho da so ara te. 38 Nanso sɛ ɛba sɛ wɔde nsuo gu aba no so na aboa a wawuo no ho biribi bɛtɔ so a, ɛho nte mma mo.

39 “‘Sɛ mmoa a wɔde ama mo sɛ aduane no bi wu a, deɛ ɔbɛsɔ ne funu mu no ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ.+ 40 Obiara a ɔbɛwe+ aboa a wawuo no fã biara no, ɛsɛ sɛ ɔsi n’atadeɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔbɛsoa ne funu no nso bɛsi n’atadeɛ, nanso ne ho bɛgu fĩ akɔsi anwummerɛ. 41 Na aboa biara a ɔwea fam yɛ akyiwadeɛ.+ Ɛnsɛ sɛ moweɛ. 42 Ɛnsɛ sɛ mowe aboa biara a ɔwea ne yafunu soɔ+ anaa ɔnante ne nan nnan soɔ anaa aboa biara a ɔwɔ nan bebree a ɔwea fam, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ.+ 43 Mommfa mmoa a wɔwea fam yi nnsɛe mo kra, na mommfa nngu mo ho fĩ na mo ho anhura.+ 44 Mene Yehowa mo Nyankopɔn;+ monte mo ho na monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.+ Enti mommfa mmoa a wɔwea fam nngu mo kra ho fĩ. 45 Mene Yehowa a ɔdii mo anim firii Egypt asase so de kyerɛɛ sɛ mene mo Nyankopɔn+ no. Monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.+

46 “‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa nyinaa ho, ntuboa, akra ateasefoɔ a wɔwɔ nsuo mu,+ ne akra a wɔwea fam manyamanya nyinaa. 47 Yei bɛma nsonsonoeɛ+ abɛda deɛ ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam, ne aboa a mobɛtumi aweɛ ne deɛ montumi nweɛ ntam.’”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane