Exodus 28:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 “Bio nso fa nwera pa nwene atade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotitene+ na nwene abomu nso.+ Exodus 39:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 na wɔde nwera pa no bi nwenee abotitene+ ne abotire+ fɛfɛ ne nwera twakoto,+ Leviticus 16:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotitene+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsuo nnware+ na ɔnhyɛ.
39 “Bio nso fa nwera pa nwene atade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotitene+ na nwene abomu nso.+
4 Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotitene+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsuo nnware+ na ɔnhyɛ.