Exodus
29 “Afei deɛ ɛbɛyɛ na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ m’anim no, yɛ yei fa te wɔn ho: Fa nantwinini kumaa baako ne adwennini+ mmienu a wɔte apɔ,+ 2 na fa ayusiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔreka nnim, na fa ngo fra esiam no bi yɛ paanoo a ɛte sɛ kawa a mmɔreka nnim. Na yɛ paanoo ntraantraa a mmɔreka nnim na fa ngo sra ho.+ 3 Fa gu kɛntɛn+ mu na fa ka nantwinini ne adwennini mmienu no ho bra.
4 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano,+ na fa nsuo dware wɔn.+ 5 Fa atade+ tenten no ne nsasini no ne ngugusoɔ no ne nkataboɔ no hyɛ Aaron, na fa abɔsoɔ a ɛwɔ nkataboɔ no ho no bɔ ne mu.+ 6 Bio nso fa abotitene no bɔ ne ti na fa ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron no bɔ abotitene no anim.+ 7 Wowie a, hwie ɔsra ngo+ gu n’apampam fa sra no+ sɛ ɔsɔfoɔ.
8 “Fa ne mma no nso bra, na fa ntadeɛ no hyehyɛ wɔn.+ 9 Fa abomu no bobɔ wɔn mu, Aaron ne ne mma no nyinaa, na fa abotire no nso bobɔ wɔn. Na ɛnyɛ ahyɛdeɛ sɛ asɔfodie no bɛtena wɔn fie daa.+ Enti ma Aaron ne ne mma tumi.*+
10 “Afei fa nantwie no bra ahyiaeɛ ntomadan no anim na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no apampam.+ 11 Na kum nantwie no Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ 12 Fa wo nsateaa bɔ nantwie no mogya+ mu fa sosɔ mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ+ no so, na hwie mogya a aka no nyinaa gu afɔrebukyia no ase.+ 13 Yi sradeɛ+ a ɛsensɛn nsono+ ne berɛboɔ+ no ho no nyinaa ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ na hye no afɔrebukyia no so.+ 14 Na nantwie no nam ne ne nwoma ne ne bini deɛ, fa gya hye no nsraban no akyi.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.
15 “Afei fa odwennini+ baako na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya petepete afɔrebukyia no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasini na hohoro ne nsono+ ne ne nnyawa ho, na fa esini biara to ne fã ho kɔsi ne tiri. 18 Hye odwennini mũ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. Ɛyɛ Yehowa ɔhyeɛ afɔdeɛ+ hwamhwam.+ Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.
19 “Fa odwennini a waka no nso bra na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu n’apampam.+ 20 Afei kum odwennini no na fa ne mogya no bi yɛ Aaron asõ nifa ne ne mma no asõ nifa ne wɔn nsa nifa kokuromoti ne wɔn nan nifa kokuromoti ho.+ Na fa mogya no petepete afɔrebukyia no ho hyia. 21 Na fa mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ ne ɔsra ngo+ no bi petepete Aaron ho ne ne ntadeɛ mu, ne ne mma ho ne wɔn ntadeɛ mu na ama ɔne ne ntadeɛ ne ne mma ne wɔn ntadeɛ ayɛ kronkron.+
22 “Yi odwennini no sradeɛ ne ne dua tufuu+ no ne sradeɛ a ɛsensɛn ne nsono ne ne berɛboɔ ho, ne n’asaabo mmienu ne sradeɛ a ɛwɔ ho, ne ne nan nifa,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ+ dwan. 23 Afei yi paanoo nkuruwankuruwa ne deɛ ngo wom a ɛte sɛ kawa ne deɛ wayɛ no ntraantraa a mmɔreka nnim no firi kɛntɛn a ɛsi Yehowa anim+ no mu. 24 Na fa ne nyinaa hyɛ Aaron ne ne mma nsam,+ na him no sɛ ohim afɔdeɛ wɔ Yehowa anim.+ 25 Afei gye firi wɔn nsam na hye no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ hwamhwam wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+
26 “Na fa Aaron asɔfohyɛ dwan+ no koko na him no sɛ ohim afɔdeɛ wɔ Yehowa anim. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. 27 Afei fa aboa no koko+ a wɔhim de bɔɔ afɔdeɛ no ne Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwan a wɔde bɔɔ afɔdeɛ kronkron+ no nan na te ho. 28 Yei bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa, ɛfiri sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron.+ Sɛ Israelfoɔ bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ a, wɔde yei bɛma wɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Yehowa.
29 “Na wɔde Aaron ntade kronkron+ no bɛma ne mma+ a wɔbɛdi n’akyi no na sɛ wɔresra wɔn+ a, wɔahyɛ na wɔde tumi ahyɛ wɔn nsa.+ 30 Ne mma no mu deɛ ɔbɛdi n’adeɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔbɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no bɛhyɛ no nnanson.+
31 “Afei fa asɔfohyɛ dwan no na noa nam no wɔ bea a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 32 Na Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wɔnni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano. 33 Wɔnni deɛ wɔde ayɛ mpatadeɛ a wɔnam so de tumi bɛhyɛ wɔn nsa no na ama wɔn ho ate.+ Ɔhɔhoɔ nnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.+ 34 Na sɛ nam anaa paanoo a wɔde bɔɔ afɔdeɛ no bi ka ma adeɛ kye so a, fa gya hye.+ Obiara nnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.
35 “Yɛ Aaron ne ne mma sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa.+ Ɛbɛgye nnanson na wode tumi ahyɛ wɔn nsa.+ 36 Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa fa yɛ mpata,+ na bɔ mpata afɔdeɛ fa dwira afɔrebukyia no ho.* Afei sra+ afɔrebukyia no na ɛnyɛ kronkron. 37 Fa nnanson pata afɔrebukyia no so na te+ ho ma afɔrebukyia no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ Obiara a ɔde ne nsa bɛka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.+
38 “Deɛ wode bɛbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no soɔ nie: da biara+ adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa odwennini baako bɔ afɔdeɛ anɔpa+ na fa baako bɔ afɔdeɛ anwummerɛ.+ 40 Fa ngodua ngo korɔgyenn hin nkyɛmu nnan mu baako fete esiam muhumuhu efa+ nkyɛmu du mu baako ne nsã+ hin nkyɛmu nnan mu baako ka odwennini a ɔdi kan no ho bɔ afɔdeɛ. 41 Na fa odwennini a ɔtɔ so mmienu no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ. Fa ka aduane afɔdeɛ+ ne afɔrebɔ nsa no ho sɛdeɛ anɔpa deɛ no teɛ no. Fa bɔ egya afɔdeɛ hwamhwam ma Yehowa. 42 Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ yi Yehowa anim daa+ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɛhɔ na mɛyi me ho adi ne mo akasa.+
43 “Mɛyi me ho adi akyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ na m’animuonyam ayɛ hɔ kronkron.+ 44 Mɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no kronkron, na mɛyɛ Aaron ne ne mma nso kronkron+ ama wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 45 Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 46 Na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. Me na meyii wɔn firii Egypt asase soɔ sɛ me ne wɔn bɛtena.+ Mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.+