14 “‘Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu a, ɔno nso nsiesie twam afɔdeɛ no mma Yehowa.+ Ɔnyɛ no sɛdeɛ twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛeɛ teɛ.+ Mmara korɔ no ara na ɛwɔ hɔ ma ɔhɔhoɔ ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Ahyɛdeɛ korɔ na ɛda hɔ ma asafo mma ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɔhɔhoɔ ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ Yehowa anim.+