12 na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afete nka nantwinini biara ho mfa mmɔ aduane afɔdeɛ,+ na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afete nka odwennini no ho mmɔ afɔdeɛ.+
6 Monyɛ yei nka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ɛho aduane afɔdeɛ+ a wɔbɔ no bosome biara, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ+ ne nsã afɔdeɛ+ no ho, sɛdeɛ wɔyɛ no daa no, na ɛnyɛ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+
23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede kyɛ wo;+ ma me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛyɛ n’ani soɔ. Hwɛ, mɛma wo anantwie+ a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ayuporeɛ+ adeɛ a wode bɛyɛ nnyina+ ne ayuo a wode bɛbɔ aduane afɔdeɛ. Mede ne nyinaa ma wo.”+