4 Ɛnna ahemfie mpanimfoɔ ne amantam asoafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bi, ahennie no fam,+ nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ na ɔmfa n’adwuma nni agorɔ na bɔne biara nni ne ho.+
2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ obi a asɛm nni ne ho,+ ɔyɛ okunu a ne yere yɛ baako, ɔkari pɛ+ wɔ ne nneyɛɛ mu, n’adwenem da hɔ,+ ɔyɛ n’adeɛ pɛpɛɛpɛ,+ ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔtumi kyerɛkyerɛ,+