1 Samuel
13 Saul bɛdii hene+ no, na wadi mfeɛ [?], na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Israel. 2 Na Saul yii mmarima mpem mmiɛnsa firii Israelfoɔ mu; mpem mmienu bɛkaa Saul ho wɔ Mikmas+ ne Betel mmepɔ so, na apem nso kɔkaa Yonatan+ ho wɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ so. Ɔman no nkaeɛ nso, ɔgyaa wɔn kwan maa obiara kɔɔ ne ntomadan mu. 3 Na Yonatan kunkum Filistifoɔ+ asraafoɔdɔm+ a wɔwɔ Geba+ no, na Filistifoɔ no teeɛ. Ɛnna Saul maa wɔhyɛnee abɛn+ asase no nyinaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ, montie!” 4 Na wɔka maa Israel nyinaa tee sɛ: “Saul akunkum Filistifoɔ asraafoɔdɔm, na seesei Israel ho abɔn+ Filistifoɔ no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wɔmmɛdi Saul akyi wɔ Gilgal.+
5 Filistifoɔ no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfoɔ rebɛko; wɔde nteaseɛnam+ mpem aduasa ne apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne nnipa a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea,+ na wɔforo kɔ kɔkyeree nsraban wɔ Mikmas, Bet-Awen+ apueeɛ. 6 Na Israel mmarima hunuu sɛ wɔn ho akyere wɔn+ paa ɛfiri sɛ ɔman no ho hiahiaa wɔn. Ɛnna ɔman no dwane kɔhuntaa abodan+ ne amena ne abotan ne ntokuro ne nsubura mu. 7 Hebrifoɔ no bi mpo twaa Yordan+ kɔɔ Gad+ ne Gilead asase so. Saul deɛ, ná ɔda so wɔ Gilgal, na nnipa no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.+ 8 Ɔtwɛnee ara nnanson sɛdeɛ Samuel hyɛeɛ no,+ nanso Samuel amma Gilgal, na na ɔman no rehwete firi ne nkyɛn. 9 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmra me nkyɛn.” Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.+
10 Berɛ a ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wieeɛ ara pɛ, ɔnkɔhwɛ a, Samuel na ɛreba yi. Na Saul firii adi sɛ ɔrekɔhyia no na wahyira no.+ 11 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”+ Na Saul buaa sɛ: “Mehunuu sɛ ɔman no ahwete afiri me nkyɛn,+ na wo nso woamma nna a wohyɛeɛ+ no mu, na Filistifoɔ no nso aboaboa wɔn ano wɔ Mikmas.+ 12 Enti mesee me ho sɛ,+ ‘Filistifoɔ yi bɛsiane aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa anim adom.’ Enti mehyɛɛ me ho+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”
13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ woɔ+ no so; sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim Israel so afebɔɔ. 14 Nanso seesei deɛ, w’ahennie renkyɛre.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a n’akoma da ne soɔ,+ na Yehowa de no bɛsi ne man so panin,+ ɛfiri sɛ woanyɛ deɛ Yehowa hyɛɛ woɔ no.”+
15 Afei Samuel siim firii Gilgal foro kɔɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea mu, na Saul kanee ɔman no, wɔn a na wɔda so ka ne ho no; ná wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ahansia.+ 16 Ná Saul ne ne ba Yonatan ne wɔn a wɔda so ka wɔn ho no te Benyaminfoɔ kuro Geba+ mu. Filistifoɔ no nso kyeree nsraban wɔ Mikmas.+ 17 Ná afomfoɔ akuo mmiɛnsa+ firi Filistifoɔ nsraban mu ba. Kuo baako fa Ofra+ kwan so kɔ Sual asase so, 18 kuo foforɔ nso de wɔn ani kyerɛ Bet-Horon+ kwan so, na kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso de wɔn ani kyerɛ kwan a ɛkɔ ɛhyeɛ a ɛhwɛ Seboim bɔn no so, wɔ serɛ so.
19 Ná ɔtomfoɔ biara nni Israel asase so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifoɔ no bɛbɔ nkrantɛ anaa pea.”+ 20 Enti sɛ Israelni biara pɛ sɛ ɔse n’asɔ anaa ne sɔsɔ anaa n’akuma anaa ne kantankrankyi+ a, ɔsiane kɔ Filistifoɔ mu. 21 Sɛ wɔse asɔ anaa sɔsɔ anaa adinam a ano yɛ mmiɛnsa anaa akuma, anaasɛ wɔsiesie poma a wɔde ka nantwie + a, wɔgye dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu mmienu. 22 Sɛ ɛduru da a wɔrekɔ ko a, wɔnhunu ɔman no muni biara a ɔka Saul ne Yonatan ho a ɔkura nkrantɛ+ anaa pea ne nsam; Saul+ ne ne ba Yonatan nko ara na wɔkura bie.