11 “Manu me ho+ sɛ mama Saul ayɛ ɔhene, ɛfiri sɛ wadane+ afiri m’akyi, na m’asɛm nso, wanni so.”+ Asɛm no haa Samuel,+ na ɔsu frɛɛ Yehowa anadwo no nyinaa.+
22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ sene ɔsetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Ɔsetie+ yɛ sene afɔdeɛ,+ na asoyɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+
23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+