11 Berɛ a wɔredwane afiri Israelfoɔ anim, na wɔresiane Bet-Horon no, Yehowa maa aboɔ akɛseɛ+ firii soro bɛkunkum wɔn kɔduruu Aseka. Wɔn a asukɔtweaa kunkum wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ de nkrantɛ kunkum wɔn no.
13 Na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔfa Lus,+ wɔ Lus anaa Betel+ nkokoɔ a ɛwɔ anafoɔ no ho; na ɛsiane kɔfa Atarot-Adar,+ bepɔ a ɛwɔ Anafoɔ Bet-Horon+ anafoɔ no so.