Dwom 141:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yehowa, wɛn m’ano ma me;+Boa me ma menhwɛ m’anofafa pono ano.+ Mmebusɛm 10:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mfomsoɔ mpa kasa dodoɔ mu,+ na deɛ ɔsianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+ Mmebusɛm 13:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Deɛ ɔkora n’ano no hwɛ ne kra so.+ Deɛ ɔnka n’ano ntom no—ɔbɛsɛe.+ Mmebusɛm 21:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Deɛ ɔkora n’ano ne ne kɛtrɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu.+ Mmebusɛm 27:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ma ɔhɔhoɔ nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ wo ara w’ano; ma ɔnanani nyɛ, na ɛnyɛ w’anofafa.+ Yeremia 9:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Deɛ Yehowa aka nie: “Mma onyansafoɔ mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfoɔ mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefoɔ mmfa n’ahonyadeɛ nnhoahoa ne ho.”+
23 Deɛ Yehowa aka nie: “Mma onyansafoɔ mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfoɔ mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefoɔ mmfa n’ahonyadeɛ nnhoahoa ne ho.”+