25 Ɛnnɛ wasiane kɔ sɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nnwan pii rekɔbɔ afɔdeɛ,+ na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar;+ hwɛ, wɔredidi na wɔrenom wɔ n’anim, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nnya nkwa!’+
39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo+ wɔ mu no firii ntomadan+ no mu na ɔsraa+ Solomon ngo, na wɔfirii aseɛ hyɛnee mmɛn no maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ɔhene Solomon nnya nkwa!”+
12 Ɛnna ɔde ɔhene ba+ no firii adi baeɛ, na ɔde ahemmotire+ bɔɔ ne ti, na ɔde Adanseɛ+ no too ne tiri so. Wɔsraa no,+ na wɔsii no hene.+ Afei wɔbobɔɔ wɔn nsam+ kaa sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!”+
9 Na nnipakuo no, wɔn a wɔdi n’anim ne wɔn a wɔdi n’akyi no, kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no,+ Dawid Ba!+ Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!+ Gye no, yɛsrɛ wo, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+