21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Me deɛ, meyɛ Benyaminni; ɛnyɛ Israel mmusuakuo+ mu ketewa+ no mu na mefire? Na Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa no, ɛnyɛ m’abusua ne ketewa koraa?+ Enti adɛn na woka saa asɛm yi kyerɛ me?”+
48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso, na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no nso.+ Na deɛ ɔyɛ ne ho kumaa+ wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛseɛ.”+