6 Ɛnna Yehowa honhom baa ne soɔ,+ na ɔwaee aboa no mu mmienu sɛdeɛ obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na ɔnkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ deɛ ɔyɛeɛ no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel nie, ‘“Ɛnyɛ asraafoɔdɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na aka.