16Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+
39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo+ wɔ mu no firii ntomadan+ no mu na ɔsraa+ Solomon ngo, na wɔfirii aseɛ hyɛnee mmɛn no maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ɔhene Solomon nnya nkwa!”+