Atemmufoɔ
15 Berɛ bi akyi, ayutwa berɛ mu no, Samson faa abirekyie+ ba bi siim kɔɔ ne yere nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ me yere nkyɛn wɔ pia mu.”+ Nanso ɔbaa no papa amma no kwan ankɔ mu. 2 Na ne papa kaa sɛ: “Mesusuu me tirim sɛ wotan no.+ Enti mede no ama wo yɔnko+ no. Ne nuabaa kumaa no ho nyɛ fɛ nsene no anaa? Fa no si baako no ananmu.” 3 Ɛnna Samson kaa sɛ: “Afei sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne+ a, asodie biara nna me so.”
4 Samson kɔ kɔkyee sakraman+ ahasa na ɔfaa agyatɛnee, na sɛ ɔkyekyere mmienu biara dua bom a, na ɔde gyatɛnee baako ahyɛ ntamu. 5 Afei ɔsosɔɔ agyatɛnee no ano gya na ɔpamoo mmoa no kɔɔ Filistifoɔ no ayufuo mu. Na ɛhyee biribiara, ayuo a wɔatwa aboa ano ne deɛ wɔntwaeɛ, bobe nturo ne ngodua nturo nyinaa.+
6 Ɛnna Filistifoɔ no bɛbisaa sɛ: “Hwan na ɔdii saa dwuma yi?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Timnani no ase Samson, ɛfiri sɛ wagye ne yere afiri ne nsam de no ama n’adamfo.”+ Filistifoɔ no tee saa no, wɔde gya kɔhyee ɔbaa no ne ne papa.+ 7 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ moayɛ yi, gye sɛ metua mo so ka+ ansa na magyae.” 8 Na ɔkunkum wɔn dwerɛbee—srɛ da ha na nan da so—na ɛno akyi no ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuro mu wɔ Etam.+
9 Na Filistifoɔ+ bɛkyeree nsraban wɔ Yuda,+ na wɔtee wɔn ho guu Lehi+ nyinaa. 10 Ɛnna Yudafoɔ no bisaa sɛ: “Adɛn nti na moreba yɛn soɔ yi?” Na wɔkaa sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere Samson, na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.” 11 Enti Yudafoɔ mmarima mpem mmiɛnsa siim kɔɔ Etam+ botan tokuro no mu, na wɔkɔbisaa Samson sɛ: “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ?+ Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi?” Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛdeɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.”+ 12 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo akɔma Filistifoɔ no.” Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monka me ntam sɛ mo ara moremfa mo nsa nka me.” 13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dabi, yɛrebɛkyekyere wo akɔma wɔn kɛkɛ; yɛrenku wo.”
Enti wɔde ntampehoma+ foforɔ mmienu kyekyeree no na wɔyii no firii botan no mu pueeɛ. 14 Na berɛ a ɔduruu Lehi no, Filistifoɔ de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehoma a wɔde akyekyere n’abasa no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde gya afa ho,+ enti nhoma no tete firii ne nsa ho. 15 Afei ɔhunuu afunumu apantan foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkum mmarima apem.+ 16 Ɛnna Samson kaa sɛ:
“Afunumu apantan—kuo baako, akuo mmienu!
Mede afunumu apantan akunkum mmarima apem.”+
17 Berɛ a ɔkasa wieeɛ no, ɔtoo apantan no twenee ntɛm ara, na ɔtoo hɔ din Ramat-Lehi.+ 18 Afei sukɔm dee no paa, na ɔfrɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛyɛ wo na wonam w’akoa so ama ɔgyeɛ kɛseɛ yi nyinaa aba,+ na afei sukɔm nku me na mentɔ momonotofoɔ yi nsam?”+ 19 Enti Onyankopɔn maa tokuro bi a ɛwɔ Lehi mu paeeɛ, na nsuo+ firi mu baeɛ, na ɔnomeeɛ. Afei ne honhom+ san baeɛ na ɔnyaa ahoɔden.+ Ɛno nti ɔtoo hɔ din En-Hakore, na ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ.
20 Na ɔbuu Israelfoɔ atɛn mfeɛ aduonu wɔ Filistifoɔ berɛ so.+