5 Ɛnyɛ wo tenenee+ anaa w’akomam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumuyɔ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
12Na Efraim mmarima boaa wɔn ho ano kɔɔ atifi fam kɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Adɛn nti na wo ne Ammonfoɔ rekɔko no woamfrɛ yɛn amma yɛne wo ankorɔ?+ Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.”+
15 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ: “Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase.+ Anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wo papa fie nyinaa.+ Adɛn, mode yɛn baa ha sɛ morebɛpra yɛn ho nneɛma+ anaa?”