15 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ: “Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase.+ Anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wo papa fie nyinaa.+ Adɛn, mode yɛn baa ha sɛ morebɛpra yɛn ho nneɛma+ anaa?”
6 Ɛnna Filistifoɔ no bɛbisaa sɛ: “Hwan na ɔdii saa dwuma yi?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Timnani no ase Samson, ɛfiri sɛ wagye ne yere afiri ne nsam de no ama n’adamfo.”+ Filistifoɔ no tee saa no, wɔde gya kɔhyee ɔbaa no ne ne papa.+