19 Enti Onyankopɔn maa tokuro bi a ɛwɔ Lehi mu paeeɛ, na nsuo+ firi mu baeɛ, na ɔnomeeɛ. Afei ne honhom+ san baeɛ na ɔnyaa ahoɔden.+ Ɛno nti ɔtoo hɔ din En-Hakore, na ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ.
11 Deɛ ɔdi ne soɔ ne Hararini Agee ba Samma.+ Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ Lehi; ná asase bi da hɔ a asedua+ pii wɔ soɔ, na Filistifoɔ no nti, na ɔman no adwane.