Atemmufoɔ
15 Berɛ bi akyi, berɛ a na wɔretwa hwiit no, Samson faa apɔnkye ba bi, na ɔkɔsraa ne yere. Na ɔkaa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ me yere nkyɛn wɔ pia mu.” Nanso ɔbaa no papa amma no ankɔ. 2 Na ɔbaa no papa kaa sɛ: “Mehwɛ a, ‘Wotan no.’+ Enti mede no ama wo nnamfo no baako, ayeforɔkunu nnamfo no.+ Wonhunu sɛ wo yere nuabaa kumaa no ho yɛ fɛ sene no anaa? Enti mepa wo kyɛw, fa ɔno mmom.” 3 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wei nko ara deɛ, sɛ meyɛ Filistifoɔ no bɔne a, obiara rentumi nka hwee nkyerɛ me.”
4 Enti Samson kɔe, na ɔkɔkyee sakraman 300. Afei ɔfaa ntɛnee,* na sɛ ɔfa sakraman mmienu biara a, na wakyekyere wɔn dua abom, na ɔde tɛnee baako ahyɛ mu. 5 Afei ɔsosɔɔ ntɛnee* no ano gya na ɔpamoo sakraman no kɔɔ Filistifoɔ no hwiit* afuo mu. Ɔhyee biribiara, hwiit* a wɔatwa aboa ano ne deɛ wɔntwaeɛ, bobe mfuo ne ngodua mfuo nyinaa.
6 Ɛnna Filistifoɔ no bisaa sɛ: “Hwan na ɔdii saa dwuma yi?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Samson, Timnani no ase no, ɛfiri sɛ wagye ne yere afiri ne nsam de no ama n’adamfo.”+ Berɛ a Filistifoɔ no tee saa no, wɔsiim kɔe, na wɔde egya kɔhyee ɔbaa no ne ne papa.+ 7 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ moayɛ yi, gye sɛ metua mo so ka ansa na me ho atɔ me.”+ 8 Na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn mmaako mmaako;* ɔkum nnipa bebree. Afei ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuro mu wɔ Etam.
9 Akyire yi, Filistifoɔ no bae, na wɔbɛkyekyeree asoɛeɛ wɔ Yuda, na wɔtee wɔn ho guu Lehi+ kuro no mu. 10 Na Yudafoɔ no bisaa sɛ: “Adɛn nti na moaba yɛn so yi?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkye* Samson, na yɛayɛ no deɛ ɔyɛɛ yɛn no bi.” 11 Enti Yudafoɔ mmarima 3,000 kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔkɔbisaa Samson sɛ: “Adɛn, wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so?+ Enti adɛn nti na woayɛ yɛn saa?” Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ wɔde yɛɛ me no, ɛno ara bi na mede ayɛ wɔn.” 12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛkye* wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ no.” Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monka me ntam sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.” 13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi, yɛrebɛkyekyere wo kɛkɛ na yɛde wo akɔma wɔn; yɛrenku wo.”
Enti wɔde nhoma akɛseɛ mmienu a ɛyɛ foforɔ kyekyeree no, na wɔde no firii ɔbotan no mu pueeɛ. 14 Na berɛ a ɔduruu Lehi no, Filistifoɔ no de nteateamu ne ahurisie hyiaa no. Na Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na nhoma akɛseɛ a wɔde akyekyere ne nsa* no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde egya aka, na nhoma no tete* firii ne nsa ho.+ 15 Afei ɔhuu afunumu bi a ɔwuiɛ nkyɛeɛ apantan, na ɔtwee ne nsam fae, na ɔde kunkum mmarima 1,000.+ 16 Ɛnna Samson kaa sɛ:
“Afunumu apantan, mede akunkum wɔn asum hɔ, kuo baako, akuo mmienu!
Mede afunumu apantan akunkum mmarima 1,000.”+
17 Berɛ a ɔkasa wieeɛ no, ɔtoo apantan no twenee, na ɔtoo hɔ din Ramat-Lehi.*+ 18 Afei nsukɔm dee no paa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Wo na wonam w’akoa so ama ɔgyeɛ kɛseɛ yi aba. Seesei worebɛma sukɔm aku me ama nnipa a wɔntwaa twetia* yi akye me anaa?” 19 Enti Onyankopɔn maa tokuro bi a ɛwɔ Lehi mu baee, na nsuo firii mu bae.+ Berɛ a ɔnom nsuo no wieeɛ no, ɔsan nyaa ahoɔden,* na ne ho san sisii ne ho so. Ɛno nti, ɔtoo hɔ din En-Hakore,* na ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ.