Atemmufoɔ 2:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Afei Yehowa abufuo dɛre tiaa Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ Yohane 19:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a,+ anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti na onipa a ɔde me maa woɔ no bɔne sõ paa no.”
14 Afei Yehowa abufuo dɛre tiaa Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+
11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a,+ anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti na onipa a ɔde me maa woɔ no bɔne sõ paa no.”