Atemmufoɔ 15:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Afei ɔhunuu afunumu apantan foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkum mmarima apem.+ 1 Samuel 13:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ná ɔtomfoɔ biara nni Israel asase so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifoɔ no bɛbɔ nkrantɛ anaa pea.”+ 1 Samuel 13:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Sɛ ɛduru da a wɔrekɔ ko a, wɔnhunu ɔman no muni biara a ɔka Saul ne Yonatan ho a ɔkura nkrantɛ+ anaa pea ne nsam; Saul+ ne ne ba Yonatan nko ara na wɔkura bie. 1 Samuel 17:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 Na badwa yi nyinaa bɛhunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na Yehowa de gye nkwa,+ ɛfiri sɛ ɛko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.”+ 1 Samuel 17:50 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 50 Enti Dawid de ataaboɔ ne ɛboɔ dii Filistini no so nkonim, na ɔbɔɔ Filistini no hwee hɔ kum no; ná Dawid nkura nkrantɛ ne nsam.+
19 Ná ɔtomfoɔ biara nni Israel asase so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifoɔ no bɛbɔ nkrantɛ anaa pea.”+
22 Sɛ ɛduru da a wɔrekɔ ko a, wɔnhunu ɔman no muni biara a ɔka Saul ne Yonatan ho a ɔkura nkrantɛ+ anaa pea ne nsam; Saul+ ne ne ba Yonatan nko ara na wɔkura bie.
47 Na badwa yi nyinaa bɛhunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na Yehowa de gye nkwa,+ ɛfiri sɛ ɛko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.”+
50 Enti Dawid de ataaboɔ ne ɛboɔ dii Filistini no so nkonim, na ɔbɔɔ Filistini no hwee hɔ kum no; ná Dawid nkura nkrantɛ ne nsam.+