8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ.
17 Enti deɛ mereka ne sɛ, mɛgye mo afiri amanehunu+ a Egyptfoɔ de aba mo soɔ no mu de mo akɔ Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ,+ Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.”’+
7“Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman akɛseɛ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ.+ Aman nson yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo.+
9Afei berɛ a ahemfo+ a wɔwɔ Yordan agya wɔ bepɔ so ne Sefela ne Po Kɛseɛ+ no ano wɔ Lebanon+ anim, Hitifoɔ,+ Amorifoɔ, Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+ tee deɛ asie no,