Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 35 Me na metua bɔne so ka,* enti me na mɛtua ka+

      Berɛ a wɔn nan awatiri no,+

      Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛreba wɔn so no abɛn,

      Na deɛ ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’

  • Yosua 24:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Sɛ moto mmara* na moyɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+

  • Romafoɔ 2:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Nanso w’akoma a ɛyɛ den na apirim no nti, woreboaboa abufuo ano aba wo so abufuo da no ne ɛda a Onyankopɔn bɛyi n’atemmuo a ɛtene no adi no.+

  • 2 Petro 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Nokorɛm, Onyankopɔn amma abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne+ no amfa wɔn ho anni; mmom ɔtoo wɔn guu Tartarus,*+ na ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree wɔn guu sum kabii mu* de wɔn sie maa atemmuo.+

  • Yuda 14, 15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Aane, Enok+ na ɔtɔ Adam so nson wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ne nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Yehowa* de n’ahotefoɔ mpempem pii baeɛ,+ 15 na ɔbɛbuu obiara atɛn,+ na nneɛma bɔne a amumuyɛfoɔ nyinaa yɛ tiaa Onyankopɔn ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfoɔ a wɔnsuro no ka tiaa no nyinaa+ nti, ɔbuu wɔn fɔ.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane