8 Mɛsiane akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asaase no so akɔ asaase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ teɛ.+
7“Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asaase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo+ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ,+ Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+