10 Ɛnna Yehowa maa me aboɔpono mmienu a Onyankopɔn de ne nsateaa atwerɛ nsɛm wɔ soɔ,+ nsɛm a Yehowa firi gya mu ka kyerɛɛ mo bepɔ no soɔ nyinaa, da a asafo no bɔɔ dwa no.+
3 Na ada adi sɛ moyɛ Kristo krataa a yɛatwerɛ sɛ asomfoɔ,+ deɛ yɛamfa adubire antwerɛ, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom+ na ɛtwerɛeɛ, a ɛnyɛ aboɔpono+ so, na mmom honam apono so, akoma so.+