Exodus 33:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na sɛ wo ne yɛn ankɔ+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu sɛ me ne wo nkurɔfoɔ yi anya w’anim adom? Hwɛ, ɛnyɛ yei na ɛbɛma me ne wo nkurɔfoɔ yi ada nso wɔ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho?”+ Deuteronomium 10:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔno na kamfo no,+ na ɔno ne wo Nyankopɔn a wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a wode w’ani ahunu yi.+ Yesaia 64:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Berɛ a woyɛɛ anwanwadwuma+ a yɛnhwɛ kwan no, wosiane baa fam, na wo nti, mmepɔ wosoeɛ.+
16 Na sɛ wo ne yɛn ankɔ+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu sɛ me ne wo nkurɔfoɔ yi anya w’anim adom? Hwɛ, ɛnyɛ yei na ɛbɛma me ne wo nkurɔfoɔ yi ada nso wɔ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho?”+