8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ.
7“Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a worekɔfa no so a,+ ɔbɛpamo aman akɛseɛ yi afiri w’anim:+ Hitifoɔ,+ Girgasifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Kanaanfoɔ,+ Perisifoɔ,+ Hiwifoɔ+ ne Yebusifoɔ.+ Aman nson yi dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene wo.+