Exodus 30:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 “Afei fa ɔkanto dua yɛ aduhwam bukyia a wɔbɛhye aduhwam+ wɔ soɔ. Exodus 37:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Afei ɔde ɔkanto dua+ yɛɛ aduhwam bukyia.+ Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako. Ne tenten yɛ basafa mmienu. Na ɔyɛɛ mmɛn tuatuaa ho.+ Exodus 40:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Fa sika aduhwam bukyia+ no si adanseɛ adaka no anim na fa ntoma sɛn ntomadan no ano.+ Dwom 141:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhwam+ w’anim,+Na me nsa a mema soɔ no nyɛ sɛ anwummerɛ aduane afɔdeɛ.+ Adiyisɛm 5:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+
25 Afei ɔde ɔkanto dua+ yɛɛ aduhwam bukyia.+ Ɔyɛɛ no ahinanan, kyerɛ sɛ ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa baako. Ne tenten yɛ basafa mmienu. Na ɔyɛɛ mmɛn tuatuaa ho.+
8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+