Exodus 30:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 “Afei fa ɔkanto dua yɛ aduhwam bukyia a wɔbɛhye aduhwam+ wɔ soɔ. Dwom 141:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhwam+ w’anim,+Na me nsa a mema soɔ no nyɛ sɛ anwummerɛ aduane afɔdeɛ.+ Luka 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 dɔn a na ɔrehye aduhwam no mu no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ adihɔ rebɔ mpaeɛ.+ Adiyisɛm 5:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+
8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+