35 Wama wɔn nimdeɛ+ a wɔde bɛyɛ adwumfoɔ adwuma na wɔde ahoma adi adwini, na wɔatumi de ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera ayɛ ntomanwemfoɔ adwuma. Mmarima yi bɛyɛ nnwuma ahodoɔ nyinaa bi, na wɔbɛdi adwini ahodoɔ nyinaa bi.