-
Exodus 25:17-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 “Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne mmuasoɔ. Ma ne tenten nyɛ basafa mmienu ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei fa hamma* boro sika kɔkɔɔ yɛ kerubim mmienu, na fa sisi mmuasoɔ no afã mmienu no nyinaa.+ 19 Fa kerubim mmienu no sisi mmuasoɔ no so, baako wɔ ano ha a, na baako nso wɔ ano ha. 20 Ma kerubim no ntrɛ wɔn ntaban mmienu no mu nkɔ soro na ɛnkata adaka no mmuasoɔ so.+ Ma kerubim no nni nhwɛanimu na wɔn anim nkyerɛ mmuasoɔ no.
-