-
Exodus 25:10-15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “Ma wɔmfa ɔkanto dua nyɛ adaka. Ma ne tenten nyɛ basafa* mmienu ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na ɛfiri soro bɛsi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 11 Afei fa sika kɔkɔɔ amapa fa emu ne ɛho nyinaa,+ na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia.+ 12 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa nnan bobɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa mmienu wɔ ha a, na mmienu nso wɔ ha. 13 Afei fa ɔkanto dua sene nnua nteaanteaa na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa.+ 14 Wode nnua no bɛhyehyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no. 15 Ma nnua no nhyɛ nkawa no mu wɔ Adaka no ho; ɛnsɛ sɛ wɔyiyi firi mu.+
-