-
Exodus 26:19-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ+ 40 a wode nnua 20 no bɛsisi so. Ntomadan nnua no biara bɛnya pɔ mmienu, na wɔde nnyinasoɔ mmienu bɛhyɛ baako ase, na wɔde mmienu mmienu ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntomadan no fã nohoa a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinasoɔ 40 a nnua no bɛsisi so. Ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu.
-
-
Exodus 26:25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 Enti ɛbɛyɛ nnua nwɔtwe ne dwetɛ nnyinasoɔ 16; ntomadan dua baako bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ, na nnua a aka no mu biara nso bɛnya nnyinasoɔ mmienu wɔ aseɛ.
-
-
Exodus 26:32Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
32 Afei fa ɔkanto yɛ adum nnan na fa sika kɔkɔɔ fa ho, na fa ntwamutam no sɛn so. Fa sika kɔkɔɔ yɛ adum no ho nsosɔmu, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so.
-