25 Na Yehowa maa Solomon yɛɛ kɛseɛ paa wɔ Israel nyinaa ani so, na ɔmaa no nyaa animuonyam n’ahennie mu, na ahemfo a wɔdii n’anim baeɛ mu biara annya bi saa wɔ Israel.+
28 Bio nso, adɛn nti na modwendwene ataadeɛ ho? Monhwɛ nhwiren* na monsua biribi, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntoma; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’animuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.