Yosua
16 Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefoɔ no, ɛfiri Yordan a ɛbɛn Yeriko kɔsi Yeriko nsuo ho wɔ apueeɛ; ɛkɔfa serɛ a ɛfiri Yeriko foro kɔ Betel mmepɔ mu no so.+ 2 Asaase no san kɔfa Betel a ɛwɔ Lus twam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot, 3 afei ɛsiane kɔ atɔeɛ kɔfa Yafletfoɔ hyeɛ so de kɔsi Anaafoɔ Bet-Horon+ hyeɛ so, na ɛfiri hɔ kɔ Geser+ kɔpem ɛpo no ano.
4 Na Yosef asefoɔ,+ Manase ne Efraim, nyaa wɔn asaase.+ 5 Asaase a Efraim asefoɔ nyaeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ no hyeɛ a ɛwɔ apueeɛ no firi Atarot-Adar+ de kɔsi Atifi Bet-Horon,+ 6 na ɛhyeɛ no kɔfa po no ano. Atifi fam nso, na ɛhyeɛ no fa Mikmetat,+ na ɛkontono fa apueeɛ kɔ Taanat-Silo, na ɛtoa so wɔ apueeɛ hɔ kɔduru Yanoa. 7 Afei ɛsiane firi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan ano. 8 Ɛhyeɛ no firi Tapua+ toa so kɔ atɔeɛ kɔduru Kana Subɔn ho, na ɛkɔpem po no ano.+ Wei ne Efraim abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 9 Efraim asefoɔ nyaa nkuro nso wɔ Manase agyapadeɛ mu,+ nkuro ne ɛho nkuraa nyinaa.
10 Nanso wɔampamo Kaananfoɔ a na wɔwɔ Geser no,+ enti Kaananfoɔ kɔɔ so tenaa Efraimfoɔ mu de bɛsi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+