14 Sɛ mosuro Yehowa+ na mosom no+ na motie ne nne,+ na moante Yehowa ahyɛdeɛ so atua+ a, Yehowa, mo Nyankopɔn bɛka mo ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no nyinaa ho.
25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no nnyina. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔnante m’anim sɛdeɛ woanante m’anim yi a, obusuani a ɔbɛtena Israel adwa soɔ+ remmɔ wo, m’anim.’
9 “Na wo, me ba Solomon, hunu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa akoma+ a ɛdi mũ ne ɔkra+ mu anigyeɛ som no; ɛfiri sɛ Yehowa hwehwɛ akoma nyinaa mu,+ na ɔhunu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wogya no a,+ ɔno nso bɛto wo atwene koraa.+