3Na Solomon ne Egypt hene Farao dii ayewareɛ,+ na ɔkɔwaree Farao babaa+ de no baa Dawid Kuro+ mu kɔsii sɛ ɔwiee ɔno ara ne fie+ ne Yehowa fie+ ne Yerusalem ho fasuo+ no nyinaa.
11 Farao babaa+ no deɛ, Solomon yii no firii Dawid Kuro+ mu de no kɔɔ efie a wasi ama no no mu,+ na ɔkaa sɛ: “Ɔyɛ me yere deɛ, nanso ɔrentumi ntena Israel hene Dawid fie, ɛfiri sɛ baabi a Yehowa adaka aba no yɛ kronkron.”+