24 Afei wɔde gya hyee kuro no ne emu nneɛma nyinaa.+ Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ nko ara na wɔde kɔɔ Yehowa fie adekorabea.+
11 Ɔhene Dawid hyiraa yeinom nyinaa so maa Yehowa, sɛdeɛ ɔhyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman a ɔdii wɔn so nkonim no nyinaa nkyɛn soɔ no;+
51 Wɔwiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛeɛ no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baeɛ;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenneɛ no nyinaa bɛguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
11 Dawid hyiraa+ yeinom nyinaa so maa Yehowa, sɛdeɛ ɔhyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman+ no nyinaa nkyɛn soɔ no, deɛ ɔgye firii Edom ne Moab+ ne Ammon+ asefoɔ ne Filistifoɔ+ ne Amalekfoɔ+ nsam no.