Genesis
22 Akyire yi nokorɛ Nyankopɔn no sɔɔ Abraham hwɛeɛ.+ Ɔfrɛɛ no sɛ: “Abraham!” Na ɔgyee so sɛ: “Menie!”+ 2 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba korɔ a wodɔ no,+ Isak,+ kɔ Moria+ asase so kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ no baako a mɛkyerɛ woɔ so.”+
3 Enti Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa ne nkoa mmienu ne ne ba Isak kaa ne ho;+ na ɔbubuu nnyina a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ no. Afei ɔsiim kɔɔ baabi a nokorɛ Nyankopɔn no kyerɛɛ no no. 4 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu bea hɔ wɔ akyirikyiri. 5 Afei Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa+ no sɛ: “Mo ne afunumu no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no rekɔ yɛn anim kakra akɔsom+ na yɛasan aba mo nkyɛn.”
6 Afei Abraham de nnyina a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ no soaa ne ba Isak+ na ɔfaa egya ne sekan kuraeɛ, na wɔn mmienu siim kɔeɛ.+ 7 Afei Isak frɛɛ ne papa Abraham sɛ: “Papa!”+ Na ɔgyee so sɛ: “Me ba, menie!”+ Na ɔkaa sɛ: “Egya ne nnyina nie, na odwan a yɛde bɛbɔ afɔdeɛ no wɔ he?”+ 8 Ɛnna Abraham kaa sɛ: “Me ba, Onyankopɔn no ara bɛkyerɛ odwan a yɛde bɛbɔ afɔdeɛ no.”+ Na wɔtoaa so kɔeɛ.
9 Berɛ a wɔkɔduruu deɛ nokorɛ Nyankopɔn no kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ, na ɔhyehyɛɛ nnyina no. Afei ɔkyekyeree ne ba Isak nsa ne ne nan na ɔde no too nnyina no so wɔ afɔrebukyia no so.+ 10 Afei Abraham tenee ne nsa twee sekan no sɛ ɔrebɛku ne ba no.+ 11 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ:+ “Abraham, Abraham!” Na ɔgyee so sɛ: “Menie!” 12 Na ɔkaa sɛ: “Mfa wo nsa nka abarimaa no, na nyɛ no hwee;+ afei na mahunu sɛ wosuro Nyankopɔn, ɛfiri sɛ woamfa wo ba korɔ no ankame me.”+ 13 Afei Abraham maa n’ani so hwɛɛ ne ntentensoɔ, na ɔhunuu odwennini bi a ne mmɛn aka dɔtɔ mu. Enti Abraham kɔyii no de no sii ne ba no anan bɔɔ afɔdeɛ.+ 14 Na Abraham frɛɛ hɔ Yehowa-Yire. Yei nti na nnɛ wɔka sɛ: “Yehowa bɛkyerɛ wɔ ne bepɔ so.”+
15 Yehowa bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so 16 na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Yehowa asɛm nie: ‘Ɛsiane sɛ woayɛ yei na woamfa wo ba korɔ no ankame me nti,+ meka me ho ntam+ sɛ 17 ɛkwan biara so mɛhyira wo na mama w’aseni* adɔre ayɛ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea;+ na w’aseni bɛfa n’atamfo nkuro apono.+ 18 W’aseni*+ so na asase so aman nyinaa nam bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ woayɛ aso ama me.’”+
19 Afei Abraham san baa ne nkoa no nkyɛn, na wɔsiim kɔɔ Beer-Seba;+ na Abraham kɔɔ so tenaa Beer-Seba.
20 Yeinom akyi no, wɔbɛbɔɔ Abraham amanneɛ sɛ: “Hwɛ, Milka+ nso awo mma ama wo nua Nahor:+ 21 Ne ba panin Us, ne ne nua Bus,+ ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22 ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf, ne Betuel.”+ 23 Na Betuel woo Rebeka.+ Nnipa nwɔtwe yi na Milka woo wɔn maa Abraham nua Nahor. 24 Ná ɔwɔ yefam bi a wɔfrɛ no Reuma. Ɔno nso woo Teba ne Gaham ne Tahas ne Maaka.+