2 Samuel
9 Na Dawid bisaa sɛ: “Obi da so wɔ hɔ a waka Saul fie a Yonatan nti+ mɛtumi ayɛ no adɔeɛ+ anaa?” 2 Ná Saul fie akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba.+ Enti wɔkɔfrɛɛ no baa Dawid nkyɛn, na ɔhene bisaa no sɛ: “Wone Siba?” Na ɔkaa sɛ: “W’akoa ne no.” 3 Na ɔhene bisaa no sɛ: “Obi nni Saul fie bio a mede Onyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no?”+ Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yonatan babarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ bubuafoɔ.”+ 4 Na ɔhene bisaa no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ Amiel ba Makir+ fie wɔ Lo-Debar.”+
5 Ntɛm ara na Ɔhene Dawid soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-Debar baeɛ. 6 Berɛ a Saul ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔkoto de n’anim butuu fam.+ Na Dawid kaa sɛ: “Mefiboset!” Na ɔkaa sɛ: “W’akoa nie.” 7 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan+ nti mɛyɛ wo adɔeɛ,+ na mɛdane wo nana Saul asase+ nyinaa ama wo, na woadidi me pono so+ daa.”
8 Ɔkaa saa no, ɔkotoeɛ na ɔkaa sɛ: “W’akoa ne hwan a woatwa w’ani ahwɛ kraman funu+ a ɔte sɛ me yi?” 9 Na ɔhene frɛɛ Saul somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adeɛ biara a ɛyɛ Saul ne ne fie nyinaa dea no, mede ama+ wo wura banana no. 10 Enti dɔ asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa ɛso nnɔbaeɛ bra na wo wura banana fiefoɔ nnya aduane nni. Wo wura banana Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa.”+
Ná Siba wɔ mma mmarima dunum ne nkoa aduonu.+ 11 Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ me wura ɔhene hyɛɛ sɛ menyɛ mma n’akoa nyinaa no, ɛno ara na w’akoa bɛyɛ; nso Mefiboset+ didi me pono so sɛ ɔhene mma no bi.” 12 Ná Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a ne din de Mika,+ na wɔn a wɔte Siba fie nyinaa yɛ Mefiboset nkoa. 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔdidii ɔhene pono so+ daa. Ná ɔyɛ obubuafoɔ.+