Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
9 Ɛnna Dawid bisaa sɛ: “Obi da so ara wɔ Saul fie a Yonatan nti mɛtumi ada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ no anaa?”+ 2 Ná Saul fie akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba.+ Enti wɔkɔfrɛɛ no brɛɛ Dawid, na ɔhene bisaa no sɛ: “Wone Siba?” Na ɔkaa sɛ: “Aane, ɛyɛ w’akoa.” 3 Ɔhene bisaa no sɛ: “Obi aka wɔ Saul fie a mɛtumi ada Onyankopɔn dɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ no anaa?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yonatan babarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ obubuafoɔ.”*+ 4 Ɔhene bisaa no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔwɔ Amiel ba Makir+ fie wɔ Lo-Debar.”
5 Ntɛm ara na Ɔhene Dawid soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-Debar baeɛ. 6 Berɛ a Saul ba Yonatan ba Mefiboset bɛduruu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔkoto de n’anim butuu fam. Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mefiboset!” Na ɔgyee so sɛ: “W’akoa nie.” 7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan nti mɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ wo.+ Mede wo nana Saul asaase nyinaa bɛma wo, na wobɛdidi* wɔ me pono so daa.”+
8 Ɛnna ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: “W’akoa ne hwan a woatwa w’ani abɛhwɛ kraman funu+ te sɛ me?” 9 Afei ɔhene frɛɛ Saul somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ Saul ne ne fie nyinaa dea no, mede ama wo wura banana no.+ 10 Wo ne wo mma ne wo nkoa, monnɔ asaase no mma no, na fa ɛso nnɔbaeɛ ma wo wura banana fiefoɔ, na wɔnnya wɔn ano aduane. Nanso wo wura banana Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa.”+
Ná Siba wɔ mma mmarima 15 ne nkoa 20.+ 11 Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ me wura ɔhene aka sɛ menyɛ no, w’akoa bɛyɛ ne nyinaa.” Enti Mefiboset didii Dawid* pono so te sɛ ahenemma no bi. 12 Ná Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a ne din de Mika;+ afei nso wɔn a wɔte Siba fie nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset nkoa. 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔdidii ɔhene pono so daa.+ Ná ɔyɛ obubuafoɔ.+