Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
13 Dawid ne apem apem ne ɔhaha so ahwɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nyinaa tuu agyina.+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn pene so a, momma yɛnsoma nkɔka nkyerɛ yɛn nuanom a aka wɔ Israel asaase so nyinaa, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nkuro mu+ ne ɛho nsaase a mmoa didi so no so sɛ wɔmmɛka yɛn ho, 3 na yɛnsan nkɔfa yɛn Nyankopɔn Adaka+ no mmra.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Saul berɛ so no,+ ɛho asɛm anhia wɔn. 4 Asafo no nyinaa penee so, ɛfiri sɛ na ɛyɛ wɔ ɔman no nyinaa ani so. 5 Enti Dawid boaboaa Israel nyinaa ano firii Egypt asubɔnten no* ho kɔsii Lebo-Hamat*+ sɛ wɔrekɔfa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no afiri Kiriat-Yearim+ aba.
6 Ɛnna Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Baala,+ kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrekɔfa nokorɛ Nyankopɔn Yehowa a ɔte kerubim so*+ no Adaka a ne din da so no aba. 7 Nanso berɛ a wɔkɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Abinadab fie no, teaseɛnam foforɔ+ bi so na wɔde siiɛ; Ussa ne Ahio na wɔdii teaseɛnam no anim.+ 8 Dawid ne Israel nyinaa de nnwom, asankuo, asankuten, mpintin,+ nnawuro,*+ ne ntotorobɛnto+ dii ahurisie kɛse wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim. 9 Nanso berɛ a wɔduruu Kidon ayuporobea hɔ no, Ussa tenee ne nsa sɔɔ Adaka no mu, ɛfiri sɛ anka anantwie no redane ahwe hɔ. 10 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na ɔbɔɔ no hwee fam sɛ ɔtenee ne nsa kaa Adaka no,+ na ɔwuu wɔ Onyankopɔn anim.+ 11 Ɛnna Dawid bo fuu* sɛ Yehowa abufuo apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de abɛsi nnɛ.
12 Ɛmaa Dawid suroo nokorɛ Nyankopɔn no saa da no, na ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ dɛn de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no aba me nkyɛn?”+ 13 Enti Dawid amfa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kuro mu; mmom ɔmaa wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fie. 14 Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no dii abosome mmiɛnsa wɔ Obed-Edom fie, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.+