Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
4 Berɛ a Saul ba Is-Boset*+ tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no,+ ehu kaa no,* na Israelfoɔ nyinaa nso yɛɛ basaa. 2 Ná Saul ba no wɔ asahene mmienu a wɔda asraafoɔ akuo bi a wɔto hyɛ nkurɔfoɔ so gye wɔn nneɛma ano. Baako din de Baanah, na baako nso din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon, Benyamin aseni no mma. (Berɛ bi, na wɔbu Beerot+ nso sɛ ɛka Benyamin asaase ho. 3 Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim+ kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ.)
4 Ná Saul ba Yonatan+ wɔ babarima bi a ɔyɛ bubuafoɔ.*+ Berɛ a wɔde nkra firi Yesreel+ bɛkaa deɛ ato Saul ne Yonatan no, na wadi mfeɛ nnum, na ɔbaa a ɔhwɛ no no faa no sɛ ɔde no redwane. Berɛ a ɔbaa no de ahopopoɔ redwane no, abɔfra no hwee fam, na ɔbɛyɛɛ obubuafoɔ. Ne din de Mefiboset.+
5 Beerotni Rimon mma Rekab ne Baanah kɔɔ Is-Boset fie awia ketee; saa berɛ no, na wada regye n’ahome. 6 Berɛ a wɔrekɔ fie hɔ no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛ mmarima a wɔrekɔfa hwiit, na wɔde adeɛ wɔɔ ne yam. Ɛnna Rekab ne ne nua Baanah+ dwanee a obiara anhu wɔn. 7 Berɛ a wɔkɔɔ fie hɔ no, na ɔda ne mpa so wɔ pia mu, na wɔde adeɛ wɔɔ no kuu no, na wɔtwaa ne ti. Wɔde ne ti no sii kwan so nantee anadwo no nyinaa kɔfaa Araba kwan so. 8 Na wɔde Is-Boset+ ti no kɔmaa Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo tamfo Saul+ a na ɔrepɛ wo aku wo* no+ ba Is-Boset ti nie. Ɛnnɛ, Yehowa atua Saul ne n’asefoɔ so ka ama me wura ɔhene.”
9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Beerotni Rimon mma no, Rekab ne ne nua Baanah sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee me* firii ahohia nyinaa mu+ no te ase yi, 10 berɛ a obi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, Saul awu’+ a ɛyɛɛ no sɛ wabɛka asɛmpa no, mesɔɔ ne mu kum no+ wɔ Siklag. Ɛno ne akatua a ɔnya firii me hɔ! 11 Na sɛ nnipabɔnefoɔ kɔkum ɔteneneeni wɔ ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, wɔn na mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn anaa? Meremmisa ne mogya mfiri mo nsam+ na merenyi mo mfiri asaase so anaa?” 12 Ɛnna Dawid ka maa ne mmeranteɛ no kum wɔn.+ Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, ɛnna wɔkɔsɛn wɔn+ wɔ Hebron tadeɛ no ho. Is-Boset ti no deɛ, wɔfa kɔsiee no Abner asieeɛ hɔ wɔ Hebron.