2 Samuel
4 Berɛ a Saul ba+ no tee sɛ Abner awu wɔ Hebron+ no, ne nsam goeɛ,+ na Israelfoɔ nyinaa nso yɛɛ basaa. 2 Ná Saul ba no wɔ afomfoɔ+ so asahene mmienu bi, baako din de Baanah, na baako nso din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon, Benyamin aseni no mma. Ná wɔfa Beerot+ sɛ ɛka Benyamin asase ho. 3 Na Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim,+ na wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
4 Ná Saul ba Yonatan+ wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ obubuafoɔ.+ Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, berɛ a wɔfiri Yesreel+ bɛkaa deɛ ato Saul ne Yonatan no, na wadi mfeɛ nnum, na ɔbaa a ɔhwɛ no no faa no sɛ ɔde no redwane. Berɛ a ɔbaa no de ahopopoɔ redwane no, abɔfra no hwee fam, na ɔbubuiɛ. Ne din de Mefiboset.+
5 Ɛnna Beerotni Rimon mma Rekab ne Baanah siim kɔɔ Is-Boset+ fie owigyinaeɛ; nso na wada awianna. 6 Na wɔkɔɔ fie no mfimfini yɛɛ wɔn ho sɛ mmarima a wɔrepɛ ayuo, na wɔde adeɛ wɔɔ ne yam.+ Na Rekab ne ne nua Baanah+ dwaneeɛ a obiara anhu wɔn. 7 Berɛ a wɔkɔɔ fie hɔ no, na ɔda ne mpa so wɔ pia mu, na wɔde adeɛ kɔwɔɔ no kum no,+ na wɔtwaa ne ti,+ na wɔde ne tiri no sii kwan so nantee anadwo no nyinaa kɔɔ Araba. 8 Ɛnna wɔde Is-Boset+ ti no kɔmaa Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo tamfo Saul+ a na ɔrepɛ wo kra+ no ba Is-Boset tiri nie. Na ɛnnɛ, Yehowa atɔ werɛ+ ama me wura ɔhene wɔ Saul ne n’asefoɔ so.”
9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baanah sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee+ me kra+ firii ahohia+ nyinaa mu te aseɛ yi,+ 10 berɛ a obi bɛka kyerɛɛ me+ sɛ, ‘Hwɛ, Saul awu’ na ɛyɛɛ n’ani so sɛ wabɛka asɛmpa no, sɛ́ anka mɛma no ɔbɔfoɔ akatua no, mesɔɔ ne mu kum+ no Siklag, 11 na sɛ nnipa abɔnefoɔ+ akɔkum ɔteneneeni ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, ɛnneɛ ɛdeɛn na mɛyɛ wɔn? Meremmisa ne mogya mfiri mo nsam+ anaa, na merenyi mo mfiri asase so?”+ 12 Ɛnna Dawid hyɛɛ mmeranteɛ no, na wɔkum wɔn+ twitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔkɔsɛn+ wɔn Hebron tadeɛ no ho. Na wɔfaa Is-Boset tiri no kɔsiee no Abner asieeɛ hɔ wɔ Hebron.+